Psalms 73

Nkyɛm a ɛto so abiɛsa

Nnwom 73–89

Onyankopɔn atɛntrenee

1Onyankopɔn ye ma Israel ne wɔn a wɔn koma mu tew ampa ara.
2Nanso anka mereyɛ apa abaw; me gyidi sae koraa,
3efisɛ, sɛ mihu sɛ nneɛma rekɔ yiye ma ahantanfo ne amumɔyɛfo a, na mʼani abere.
4Wonhu honam mu yaw; wosi pi si ta.
5Wonhu amane sɛnea afoforo hu no.
Ɔhaw nto wɔn sɛnea ɛto afoforo no.
6Enti wɔhyɛ ahantan sɛ konmude, ne basabasa sɛ atade.
7Wɔn koma hwie bɔne gu, na amumɔyɛ adwene ahyɛ wɔn adwene ma.
8Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye.
Wɔyɛ ahantan na wodwen ɔkwan a wɔbɛfa so ahyɛ wɔn so.
9Wɔka bɔne fa Onyankopɔn a ɔte soro ho, na wɔahyɛ nnipa a wɔwɔ asase so ahantan so.
10Ɛyɛ saa ma Onyankopɔn nkurɔfo dan kɔ wɔn afa, na wɔde ahopere gye wɔn nsɛm a wɔka biara di.
11Wɔka se, “Onyankopɔn renhu.
Ɔsorosoroni no renhwehwɛ mu da.”
12Saa na amumɔyɛfo te.
Wɔwɔ pii, na wonya pii ka ho.
13Tew a matew me ho kronn a menyɛɛ bɔne biara no ho nni mfaso anaa?
14O Onyankopɔn, woama mahu amane fi anɔpa kosi anwummere.
Anɔpa biara wotwe mʼaso.
15Sɛ meka saa asɛm no bi a, anka merenyɛ sɛ wo nnipa no mu baako.
16Midwen saa ɔhaw yi ho, nanso na ɛboro me so
17kosii sɛ mekɔɔ wofi hɔ.
Ɛhɔ na metee nea ɛbɛba amumɔyɛfo no so.
18Wode wɔn begu baabi a ɛhɔ yɛ toro, na woama wɔahwe ase akɔ ɔsɛe mu!
19Wɔsɛe wɔn prɛkopɛ na wɔn awiei ayɛ pasaa.
20Wɔte sɛ ɔdae a etwam anɔpa; sɛ wosɔre a,
O Awurade, wɔyera.
21Bere a na mʼadwene yɛ bɔne na me nkatede yɛ opira no,
22na magyimi sɛ aboa; mante wo ase.
23Nanso, na mete bɛn wo pɛɛ na wode wo nsa soo me mu.
24Wonam wʼakwankyerɛ so kyerɛɛ me kwan na ewiee akyiri no, woagye me anuonyam so.
25Ɛdɛn na mewɔ wɔ soro ka wo ho?
Manya wo yi, dɛn bio na mehwehwɛ wɔ asase so?
26Mʼadwene ne me nipadua begugow nanso,
Onyankopɔn ne mʼahoɔden.
Ɔno na ne ho hia me daa.
27Wɔn a wogyae wo no bɛyera.
Wobɛsɛe wɔn a wonni no nokware.
28Nanso me de, minim sɛ wobɛn Onyankopɔn na wopɛ ogye wɔ Otumfoɔ Awurade no nkyɛn na wopae mu ka nea wayɛ nyinaa a, ɛyɛ anwonwasɛm.
Copyright information for TwiNAK